Jeremiah 25

Mfe Aduɔson Nkoasom

1Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu. 2Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se, 3Mfe aduonu abiɛsa
mfe aduonu abiɛsa, Yosia dii hene mfe dunkron na Yehoiakim nso dii hene mfe anan.
ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.

4Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ. 5Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. 6Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”

7“Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”

8Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti, 9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ. 10Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu. 11Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.

12“Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni. 13“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. 14Wɔn ankasa de, amanaman bebree
Aman aman bebree—Saa aman no yɛ Persia, Media ne ne nkurɔfo.
ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”

Onyankopɔn Abufuwhyew Kuruwa No

15Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”

17Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:

18Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.
19Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa,
20ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa;
Us ahemfo;
Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);
21Edom, Moab ne Amon;

22 Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;
ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;
23Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;
24Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.
25Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

26 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow.
Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

27“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’ 28Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’

30“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se, “ ‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu;
ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ,
na wabobɔ mu dennen atia nʼasase.
Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so,
ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.

31 Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano,
na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman;
obebu adesamma nyinaa atɛn
na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’ ”
Awurade na ose.

32Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw
fi ɔman so kɔ ɔman foforo so;
ahum kɛse bi rema ne ho so
afi nsase ano.”

33Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
34 Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;
mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.
Mo kum bere no adu;
mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.

35 Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,
na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.

36 Muntie nguanhwɛfo no su,
ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa,
efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

37 Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan
esiane Awurade abufuwhyew no nti.

38 Obefi ne tu mu sɛ gyata,
na wɔn asase bɛda mpan
esiane nnomumfafo no afoa
ne Awurade abufuwhyew no nti.
Copyright information for TwiAKNA